Psalms 40

Dawid dwom.


1 Mede boasetɔ twɛn Awurade;
na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

2 Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu,
fii dɔte ne dontori mu;
ɔde mʼanan sii ɔbotan so
na ɔmaa me baabi pa gyinae.

3 Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom,
ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn.
Bebree behu na wɔasuro,
na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.


4 Nhyira ne onipa a
ɔde Awurade yɛ nʼahotoso,
nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so,
ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.

5 Awurade me Nyankopɔn
woayɛ anwonwade bebree.
Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no
obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;
sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm a
ɛbɛdɔɔso dodo.


6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde,
nanso woabue mʼaso;
woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.

7 Na mekae se, “Mini, maba,
sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.

8 Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde;
wo mmara wɔ me koma mu.”


9 Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase;
mimmua mʼano,
Awurade, sɛnea wunim no.

10 Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu;
meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm.
Mankata wʼadɔe ne wo nokware so
wɔ guabɔ kɛse no ase.

11 Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so;
ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.

12 Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;
mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio.
Ɛdɔɔso sen me ti so nwi,
na me koma abotow wɔ me mu.

13 Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me;
Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

14 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa,
ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe no
mfa aniwu nsan wɔn akyi.

15 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no
nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.

16 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa
nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;
ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,
Awurade yɛ ɔkɛse!”


Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;
ma Awurade nnwen me ho.
Wo ne me boafo ne me gyefo;
wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

17
Copyright information for TwiAKNA